Lyrics

Daddy Lumba - Ankwanoma

0
original text at mamqa.com/ulyricsnew/daddy-lumba-ankwanoma-1805274
〈Chorus〉
Ankwanoma
Mede me kra abɔ afɔreɛ o
Mereyɛ nea mɛtumie
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o
Ankwanoma, anoma ei, boo, na anoma ei
Mm, Ankwanoma ei
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o

〈Chorus〉
Ankwanoma
Mede me kra abɔ afɔreɛ o
Yie ei, mereyɛ nea mɛtumi biara
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o
Ankwanoma, anoma ei, boo, na anoma ei
Mm, Ankwanoma ei
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o

〈Verse 1〉
Wo biribi ne abobɔnua a
Nka wobɛtɔ akuma bi ama no
Adwuma a ɔyɛ yi yɛ owuo aduwma
Charles ei, me nko ara me hyɛbrɛ

〈Verse 2〉
Asukɔnoma
Ɛkwan a me nam soɔ yi deɛ еmu ɛ'hu o
Akwantuo mu nsɛm yɛnka ntia
Nka mobɛhunu sɛ m'abrɛ me ho bi o
Nankwansere еi
Ɛnyɛ nea mepɛ ne sɛ
Mɛsensɛn hɔ, de me tirir ahwɛ fam
Ɔhyɛbrɛ nti na ama no aba saa
〈Verse 3〉
Abusua a mefiri mu yi deɛ, Kwadwo
Aboafoɔ nni mu o
Nti na obi asukɔnoma ei
Mede awerɛhoɔ aka akwantuo mu yi
Maka ntam sɛ nka mɛyɛ bi aboa abusuafoɔ
Daakye bi mawu na meda hɔ a
Nka amanfoɔ nso asu abɔ me din

〈Verse 4〉
Nanso m'abusua yi deɛ
Amanfoɔ se yɛmpɛ adepa o
Ɔmo aka ntam, adi nse sɛ
Ɔdɛɛfoɔ nwoma na yɛde bɛnwene twene
Nanso mempa aba, ɛfirisɛ barima na ɛwuo, Kwadwo
Nti mereyɛ nea mɛtumi biara
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o

〈Chorus〉
Ankwanoma
Yie ei, mede me kra, mabɔ afɔreɛ o
Mereyɛ nea mɛtumie
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o
Ankwanoma, na anoma ei, boo, na anoma ei
Mm, Ankwanoma ei
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o
〈Instrumental〉

〈Verse 5〉
Nipa bɛgyee ne din
Nipa ammɛpɛ onyinikyɛ o
Nti mereyɛ nea mɛtumi biara
Me mmerɛ so a, na mekorɔ oɛ
Ankwanoma ei
Na anoma ei, boo, na anoma ei
Mm, Ankwanoma ei
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o

〈Verse 5〉
Nipa bɛgyee ne din
Nipa ammɛpɛ onyinikyɛ o
Nti mereyɛ nea mɛtumi biara
Me mmerɛ so a, na mekorɔ oɛ
Ankwanoma ei
Na anoma ei, boo, na anoma ei
Mm, Ankwanoma ei
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o

〈Verse 6〉
E. K. Nyarko ayie ase, Nana Ampadu ne m'adansefoɔ
Amanfoɔ bɛsu bɔɔ ne din o
Kwadwo ei, mede atu me ho fo o
Mɛyɛ ɔsansani deɛ
Ɛnneɛ nka mede me tiri bɛtwa so
Wiase yi, barima ne ɛwuo
Wobrɛ na wonya a na ɛyɛ
〈Verse 7〉
Charles Allen Gyimah
Ghana Video City
Charles ei, gye wo din
Efirisɛ nnipa ammɛdi kyɛre bi o
Wo ba, mereko o
Ama Saah, wo ba, mereko o
Yie ei, mereyɛ nea mɛtumie
Me mmerɛ no so a na mekorɔ o

〈Chorus〉
Ankwanoma
Yie ei, mede me kra, mabɔ afɔreɛ o, Kofi ei
Mereyɛ nea mɛtumi biara
Me mmerɛ no so a, na mekorɔ o
Ankwanoma, na anoma ei, boo, na anoma ei
Mm, Ankwanoma ei
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o

〈Chorus〉
Ankwanoma
Mede me kra abɔ afɔreɛ o
Mereyɛ nea mɛtumie
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o
Ankwanoma, anoma ei, boo, na anoma ei
Mm, Ankwanoma ei
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o

〈Verse 7〉
Nipa bɛgyee ne din
Nipa ammɛpɛ onyinikyɛ o
Nti mereyɛ nea mɛtumi biara
Me mmerɛ so a, na mekorɔ o
Ankwanoma ei
Na anoma ei, boo, na anoma ei
Mm, Ankwanoma ei, anoma ei, anoma ei (Me mmerɛ so a na mekorɔ o)

〈Outro〉
Ankwanoma ei
Na anoma ei, boo, na anoma ei
Mm, Ankwanoma ei, anoma ei, anoma ei (Me mmerɛ so a na mekorɔ
Ankwanoma ei
Na anoma ei, boo, na anoma ei
Mm, Ankwanoma ei, anoma ei, anoma ei (Me mmerɛ so a na mekorɔ
 Edit 
Copy

YouTube

 Edit 

More Daddy Lumba

Daddy Lumba - Ankwanoma | Lyrics
{Chorus} Ankwanoma Mede me kra abɔ afɔreɛ o Mereyɛ nea mɛtumie Me mmerɛ so a, na mekorɔ o Ankwanoma, anoma ei, boo, na anoma ei Mm, Ankwanoma ei Me mmerɛ

Photo Daddy Lumba

 Edit 

Daddy Lumba - Biography

 Edit