Lyrics

KWAME BRENYA - Kofi

0
original text at mamqa.com/ulyricsnew/kwame-brenya-kofi-1857815
〈Intro〉
Mm-hmm
Ɛmmerɛ sesa, ɛmmerɛ di adane-adane
Ɛmmerɛ sesa, ɛmmerɛ di adane-adane, hmm
Ɛmmerɛ sesa, ɛmmerɛ di adane-adane
Ɛmmerɛ sesa o, ɛmmerɛ di adane-adane

〈Verse 1〉
Ɛne sɛn? Ɛne sɛn? Ɛne sɛn?
Kofi Ntiamoah hyɛɛ abrabɔ ase, na ɛmu yɛ
Ne papa wɔ sika, ɛno nti, fie ɛ'dɛ
Sɛ Kofi reba sukuu a, car bɛsi no
Sɛ ɔpɔn nso a, car foforɔ
Kofi ba a, ɔtua canteen nso ɔnni, agya, yɛn na yɛdi ma no
Yɛpɔn sukuu a, yɛahohoro ne bowl mu
Kofi dii mfie du mmiɛnsa ɛna ne papa gyaa ne maame kɔwaree ɔbaa foforɔ
Maama yi baaeɛ, ɔde akorɔkorɔ
Nso awieeɛ, aware nyembɔsoɔ
Ɔreteetee mmɔfra yi, ɛmaa Kofi nua mpanin mmienu dwane firii fie
Kofi dii mfie du nwɔtwe ɛna ne papa kaa mu, oh, awerɛhoɔ!
Afei koraa deɛ, na ayɛ nyann
Aduane mpo a Kofi bɛdie mpo, ɔnnya
Memeneda bi anɔpa, ɔse ɔrekɔ asɔre
Sɛɛna ɔde ne nneɛma afa mpomam'
Kofi kɔ hen? Ɛ'ne Nkawkaw
Nkawkaw a Kofi kɔɔeɛ yi, n'abrabɔ
Ɔbɛdi o, ɔbɛhyɛ o, gyesɛ ɔtɔ
Ɔbɛda o, ɔbɛworɔ o, gyesɛ ɔtɔ
Aniwa nnim awerɛhoɔ, saa ara nso na asisie nso, ɔnnim awerɛhoɔ
Kofi akɔnya ne dɔfo, Nkawkaw
Ɔmo awo mma mmienu
Na mese, mmɔfra yi adidie mu, school fees
Ne nyinaa, na ayɛ Kofi dadwene
Wobɛkae a, na Kofi nso te nkonta
Ɛno nti, ɔdanee lotto doctor
Ɛtɔ da a, na wadi, ɔdi deaa, ɔmo adidi
Ɛtɔ da a, na yɛadi no, na ɔmo ada kɔm
Da koro bi, Kofi breakii machine
Ɔdii 2-Sure, Nkawkaw, obiara ate
Anadwo no ara, ɔfrɛɛ n'ayɔnkofoɔ
Ɔgyee ɔmo hɔ bosea, san de gyee ɔmo ani
Ɛnyɛ hwee, adeɛ kye a, millionaire
Adeɛ bɛkye, asɛm foforɔ
Lotto wura no, sɛɛ wanclosi
Ɔde ɛhoo aniwuo ne awerɛhoɔ, wadwane kɔ Nkran
Kofi toaa no, ɔhwɛhwɛɛ aberanteɛ yi ara, wanhu no
Ɛdii nansa na ɔsan kɔɔ Nkawkaw
Ne yere, wapacke ne nnoɔma kɔ
Adɛn a, Lotto Awareɛ deɛ ɔntumi nkɔ
Oh! Ato Kofi ne awerɛhoɔ
Ɔde adane nsanom
Anɔpa, awia, kɔsi anadwo
Kofi aboro, ɔboro nso a ɔnnidi
Ne yam twaa kuro, ɛbɔɔ no yareɛ
Yɛde no kɔɔ doctor, wowɔɔ no mpaneɛ
Yɛbɛbɔ ka, folder, card
Yɛbɛbɔ ka, nsuo, mogya
Afei, anɔpa bi, yɛrenyane Kofi ama no aduro a, Kofi ansɔre
Barima adi akoo atɔ
〈Outro〉
Ebi se awerɛhoɔ
Ebi se nsaborɔ
 Edit 
Copy

YouTube

 Edit 

More KWAME BRENYA

KWAME BRENYA - Kofi | Lyrics
{Intro} Mm-hmm Ɛmmerɛ sesa, ɛmmerɛ di adane-adane Ɛmmerɛ sesa, ɛmmerɛ di adane-adane, hmm Ɛmmerɛ sesa, ɛmmerɛ di adane-adane Ɛmmerɛ sesa o, ɛmmerɛ di adane-adane

Photo KWAME BRENYA

 Edit 

KWAME BRENYA - Biography

 Edit