Lyrics

Nana Kwame Ampadu - Agatha

0
original text at mamqa.com/ulyricsnew/nana-kwame-ampadu-agatha-1871169
〈Intro〉
Agatha! Agatha!

〈Chorus〉
Mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim)
Mentumi ntena o (Agatha ei, hwɛ m'anim)
M'ani agyina wo o (Agatha ei, hwɛ m'anim o)
Me deɛ mentumi ntena wai (Agatha ei, hwɛ m'anim)
Aah, merewu! (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Ekuwa Agatha ei (ao, Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)

〈Verse 1〉
Mehunuu no no, na ɔgyina dodoɔ mu, Agatha ei
Ɔno nko ara nso na mehunuu no, 'ɔyɛ' ɔdɔ ntia
Mehunuu no, me yam hyee me, ɔdɔ bɛn ni aah?
Memiaa m'ani frɛɛ no, ɔgyee me so
Ɔba bɛtiee me, mebisaa ne din
Ɛna ɔkyerɛɛ me sɛ ɔde Agatha o, obi ba
Yɛwoo no Wukuada nti, memfrɛ no Ekuwa o, obi ba
Mede too n'anim, "Agatha ei, medɔ wo o, obi ba"
Ɔno nso de serеɛ, ɔpenee so maa me o, obi ba
Na ɛyɛ anadwo nti, yɛyɛɛ no sɛ yɛde bɛhyɛ anɔpa, mmm
Agatha hyɛɛ mе bɔ sɛ adeɛ kye anɔpa a
Ɛbɔ nnɔn nkron a, ɔbɛba abɛfa me
Menkɔhwɛ ne fie, ɔmaame wɔ hɔ
Menkɔhunu ɔmaame, sɛ medɔ no a
Menkyerɛ ɔmaame, nteaseɛ bɛyɛ n'adwuma
Ɛnam ɔdɔ nti, ɔmaame bɛpene so o, ɔdɔ nti
〈Chorus〉
Mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim)
Mentumi ntena o (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim)
Ekuwa Agatha ei (Agatha ei, hwɛ m'anim)
Me deɛ mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim)
Agya-ei, merewu! (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Ɔdɔyɛwu ei (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Ɔdɔ bi yɛ owu (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Agatha!

〈Verse 2〉
Adeɛ kyee anɔpa, me ampa ara aah
Agye sɛ awia akyere agyen soɔ no ɛna mesɔreɛ no
Nnɔn nson ammɔ o, madware asera o
Meretwɛn Agatha o, obi ba
Nnɔn nwɔtwe bɔɔeɛ a, Agatha mmaaeɛ
Abɔ nnɔn nkron, Agatha mma
Nnɔn nkron ne fa abɔ o, me dɔ yi mma
Afei deɛ na me ho repere me, mmm, ɔdɔ bi ni?
Mebisaa n'ase mehunuu n'adwumam'
Enti mesii mu sɛ merekɔhwehwɛ Ekuwa
N'adwuma mu kwan ware, taxi mfa me nkɔ ɛ
Magyina, agyina, agyina ara aah, taxi mma
Enti meyɛɛ no sɛ, mede bɛto fam
Ɔdɔ bi deɛ saa ara, sɛ ɛtwetwe wo a, wonnim baabi a wonam, mmm
Manante anante anante, agyaei
Mfifire na ɛrete me yi, ɛnso mempopa
Awia yi nso rebɔ paa ara, ɛnso mete brɛ o, ɔdɔ nti
Na mekɔɔ Agatha adwuma mu a, manto no o, obi ba
〈Chorus〉
Mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim)
Mentumi ntena o (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim ɛ)
Ekuwa Agatha ei (Agatha ei, hwɛ m'anim)
Boaka Agatha ei (Agatha ei, hwɛ m'anim)
Aah, merewu, wai! (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Ɔdɔyɛwu ei (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Agatha!

〈Instrumental〉

〈Verse 3〉
Monhwɛ ɔdɔ asɛm!
Sɛɛ mekɔɔeɛ ara aah pɛ, Agatha abɛsi m'akyi
Menni hɔ a, ɔbɛtwɛn
Dɔnhwere baako akyi, mekɔtoo ɔdɔ
Ɔde me kɔɔ fie kɔkyeaa ɔmaame
Ɛna yɛmaa me akonnwa, yɛbisaa me kwan so
Mebɔɔ m'amaneɛ sɛ, "Enowaa, ɛnyɛ bɔne
Mabɛhunu Agatha, ɛna medɔ no"
Ɔno nso se ne biribi ara ne wo, firisɛ ɔyɛ agyanka
Enti na maba yi, ɔdɔ nti ara aah na menam, obi ba
Agatha maame ɛde too m'anim sɛ
"Nana ei, Nana ei
Me ba ne Agatha, na me ba wɔ hɔ yi
Ɔnhia biribi ara o
Ɔnhia biribi ara o, ɔdɔ nko ara na ɔhia o, me ba yi
Enti asɛm papa, Agatha dɔ wo a ɛne no ntena"
〈Chorus〉
Mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim)
Ekuwa Agatha ei (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim ɛ)
M'ani agyina wo beberee (Agatha ei, hwɛ m'anim)
Agyaei, merewu wai! (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Ɔdɔyɛwu ei (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)

〈Verse 4〉
Agatha siesiee me, ɔmaa me aduane
Medidi wieeɛ no, yɛtwetwee nkɔmmɔ
Ɛnyɛ nkɔmmɔ ketewa, nkɔmmɔ dɛɛdɛ bi o, wui!
Merekra no akorɔ noɔ ara aah, obi mpɛ ani mmɛhwɛ
Agatha ani nisuo waa, mepata no a ɛntentam
Ɔdɔ se ɔne me bɛkɔ, yie ei, ɔdɔ bi yɛ owuo
Ɔdɔ bi yɛ owuo, ɔdɔ bi yɛ owuo, aah!
Me nso megyaa no no a, mekɔduruuiɛ no
Ɛdeɛn asɛm ni? Aah, ɔdɔ bɛn ni aah, mmm?
Agatha ho adwendwen, mayɛ basaa
Mentumi nnidi, meda a menna
Mekasa a na m'ano refomfom, mayare awerɛfie
Ɛnneɛ mɛsan akɔ ɔdɔ hɔ, yie ei, ɔdɔ bi ni!
Enti mesomaa Kwabena Osae sɛ
"Agya Osae ei, kɔse Agatha ma me, na m'asɛm ara ne sɛ

〈Chorus〉
Mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim)
Mentumi ntena o (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim)
Ekuwa Agatha ei (Agatha ei, hwɛ m'anim ɛ)
Nzema Kɔtɔkɔni ba (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Ɔdɔyɛwu ei (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Ekuwa Agatha ei (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Ɔdɔyɛwu ei (Akua Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Ao, ɔdɔ nko ara (Sister Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Mereba ɔkyena nko ara (ao, Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
Agatha ei (Agatha ei, hwɛ m'anim o, mereba)
 Edit 
Copy

YouTube

 Edit 

More Nana Kwame Ampadu

Nana Kwame Ampadu - Agatha | Lyrics
{Intro} Agatha! Agatha! {Chorus} Mentumi ntena (Agatha ei, hwɛ m'anim) Mentumi ntena o (Agatha ei, hwɛ m'anim) M'ani agyina wo o (Agatha

Photo Nana Kwame Ampadu

 Edit 

Nana Kwame Ampadu - Biography

 Edit